1 Samuel 4

Filistifo Fa Apam Adaka No

1Saa bere no, na Israelfo ne Filistifo reko. Israelfo nsraadɔm kyeree nsraban wɔ Ebeneser, na Filistifo nso kyeree nsraban wɔ Afek. 2Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan. 3Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu hɔ no, Israel mpanyimfo no bisae se, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkogu nnɛ yi wɔ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfi Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam.”

4Enti nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Asafo Awurade a ɔte kerubim ntam Apam Adaka no bae. Saa bere no na Eli mmabarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.

5Bere a Israelfo no huu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee. 6Filistifo no bisae se, “Dɛn na ɛrekɔ so yi? Dɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifo nsraban mu hɔ yi?”

Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abedu nsraban mu hɔ no,
7wosuroe. Na wɔkae se, “Anyame no aba wɔn nsraban mu hɔ. Ɛno de, asɛm ato yɛn! Yenhyiaa asɛm a ɛte sɛɛ bi da. 8Hena na obegye yɛn afi saa Israel anyame atumfo yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu ɔyare ahorow nyinaa bi sɛee Misraimfo, bere a Israelfo wɔ sare so hɔ no. 9Monyere mo ho, Filistifo! Munnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifo no bɛfa mo nkoa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”

10Enti Filistifo no koe anibere so, dii Israelfo no so bio. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso. Israelfo mpem aduasa na wokunkum wɔn da no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan kɔɔ wɔn ntamadan mu. 11Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wokunkum Eli mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas.

Eli Wu

12Da no ara, ɔbarima bi fi Benyamin abusua mu guan fii akono hɔ beduu Silo. Na watetew ne ntade mu, de mfutuma ahura ne ti mu, de kyerɛ nʼawerɛhow. 13Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, efisɛ na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfo no ba bɛkaa asɛm a asi no, wɔtee nteɛteɛmu bi wɔ kurow no mu nyinaa. 14Eli bisae se, “Saa nteɛteɛmu yi ase ne dɛn?”

Ɔbɔfo no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli,
15a na wadi mfe aduɔkron awotwe na nʼani afura no nkyɛn. 16Ɔka kyerɛɛ Eli se, “Mprempren ara na mifi akono hɔ bae. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.”

Eli bisae se, “Na ekosii dɛn?”

17Ɔbɔfo no buae se, “Israelfo adi nkogu. Israel nsraadɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmabarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso awuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.”

18Ɔbɔfo no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli fi akongua a ɔte so mu wɔ abɔntenpon ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu bui, efisɛ na wabɔ akwakoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirihyia aduanan.

19Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu hɔ ara. 20Owuu wɔ awoko mu, nanso ansa na ɔrebewu no, mmea a wɔregye no awo no kae se, “Mpa abaw; woawo abarimaa.” Nanso wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.

21Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, “Anuonyam no wɔ he, Israel anuonyam no asa,” efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. 22Ɔkae se, “Anuonyam afi Israel mu, efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”
Copyright information for TwiAKNA